Psalms 54

Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo no bere a Sififo kɔka kyerɛɛ Saulo se, “Dawid abehintaw wɔ yɛn mu.”


1 Ao, Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu;
fa wo tumi bu me bem.

2 Ao, Onyankopɔn, tie me mpaebɔ;
tie mʼanom nsɛm.

3 Ahɔho retow ahyɛ me so.
Atirimɔdenfo rehwehwɛ me akum me;
nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.


4 Ampa ara, Onyankopɔn ne me boafo;
Awurade ne me hwɛfo.


5 Ma mmusu nkyim mmra wɔn a wodi me ho nseku no so;
wo nokwaredi mu, sɛe wɔn.


6 Mefi me pɛ mu abɔ afɔre ama wo;
Awurade, meyi wo din ayɛ,
efisɛ eye.

Woagye me afi me haw nyinaa mu,
na mʼani ahu nkonimdi wɔ mʼatamfo so.

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto.

7
Copyright information for TwiAKNA